Kolosefo
1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so abɛyɛ Kristo Yesu somafo,+ ne yɛn nua Timoteo+ 2 de kɔma akronkronfo ne anuanom anokwafo a wɔwɔ Kristo mu+ wɔ Kolose:
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn hɔ nka mo.+
3 Bere biara a yɛbɛbɔ mpae ama mo no,+ yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase,+ 4 efisɛ yɛate mo gyidi wɔ Kristo Yesu mu no ho asɛm ne ɔdɔ a modɔ akronkronfo+ nyinaa, 5 anidaso+ a ɛda hɔ retwɛn mo wɔ ɔsoro no nti.+ Saa anidaso yi na moate dedaw denam asɛmpa no nokwasɛm no ka so,+ 6 na ɛno na adu mo nkyɛn, sɛnea ɛresow aba+ na ɛrenya nkɔanim+ wɔ wiase nyinaa+ na ɛrekɔ so saa wɔ mo nso mo mu, fi da a motee na muhuu Onyankopɔn adom+ mu yiye wɔ nokware mu no.+ 7 Ɛno na musua fii yɛn yɔnko akoa Epafra+ a yɛdɔ no a ɔyɛ Kristo somfo nokwafo a ɔyɛ adwuma ma yɛn no hɔ, 8 nea waka honhom fam ɔdɔ+ a mowɔ nso ho asɛm akyerɛ yɛn no.
9 Eyi nti na yɛn nso efi da a yɛtee ho asɛm no, yennyaee sɛ yɛbɛbɔ mpae ama mo,+ na yɛasrɛ sɛ ne pɛ ho nokware nimdeɛ+ nhyɛ mo ma wɔ nyansa+ ne honhom mu ntease nyinaa mu,+ 10 na moanantew sɛnea ɛsɛ+ Yehowa+ na ɛsɔ n’ani koraa, bere a mokɔ so sow aba wɔ adwuma pa+ biara mu nya Onyankopɔn ho nokware+ nimdeɛ pii, 11 na moyɛ den wɔ tumi a mubenya biara mu sɛnea n’anuonyam tumi+ te no, na ama moanya boasetɔ+ akosi ase na mode anigye anya abodwokyɛre, 12 na moada Agya a wama moafata sɛ munya akronkronfo+ agyapade+ mu kyɛfa wɔ hann no mu no ase.+
13 Wagye yɛn afi esum tumi+ ase de yɛn aba+ ne Ba a ɔdɔ no+ no ahenni mu,+ 14 na ɔno na yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafiri.+ 15 Ɔno ne Onyankopɔn a wonhu no+ no suban,+ abɔde nyinaa mu abakan;+ 16 efisɛ no so+ na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, nhengua, mpanyinni, nniso, tumidi, nea wohu ne nea wonhu.+ Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe,+ na wɔbɔ maa no. 17 Bio nso, odi nneɛma a aka nyinaa kan,+ na no so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa,+ 18 na ɔno ne nipadua no, asafo no, ti.+ Ɔno ne mfiase, awufo sɔre mu abakan,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ odikanfo+ wɔ nneɛma nyinaa mu; 19 efisɛ Onyankopɔn hui sɛ ɛfata sɛ nneɛma nyinaa tena ne mu yɛ mã,+ 20 na ɔnam no so aka ɔno ne nneɛma a aka+ nyinaa abom bio+ denam asomdwoe+ a ɔde ne mogya+ a ohwie guu asɛndua so+ no dii ho dwuma no so, asase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa.
21 Nokwarem no, mo a anka bere bi na moyɛ ananafo+ ne atamfo esiane mo adwene a na ɛwɔ nnwuma bɔne so nti no,+ 22 afei de waka mo ne no abom bio+ denam obiako no honam nipadua so wɔ ne wu mu,+ na ama ɔde mo akyerɛ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm+ a asɛm biara nni wɔn ho+ wɔ n’anim, 23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidi no mu,+ gyina fapem+ no so na mutintim+ a momma wɔntwe mo mfi asɛmpa a motee+ a wɔaka ho asɛm+ wɔ abɔde+ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu ho anidaso no ho. Saa asɛmpa yi na me Paulo, mabɛyɛ ho ɔsomfo.+
24 Afei meredi ahurusi wɔ amane a mihu ma mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+ 25 Mebɛyɛɛ asafo yi somfo+ sɛnea ofiehwɛ adwuma+ a efi Onyankopɔn hɔ no te, nea mo nti wɔde maa me sɛ memfa nka Onyankopɔn asɛm no nkosi ase no, 26 ahintasɛm kronkron+ a wɔde hintaw wiase nhyehyɛe+ a atwam ne awo ntoatoaso a aba kɔ no. Nanso afei de wɔayi adi akyerɛ+ n’akronkronfo 27 a Onyankopɔn ani agye ho sɛ ɔbɛma wɔahu ahintasɛm kronkron+ yi anuonyam ahonya+ wɔ amanaman no mu no. Ɛne Kristo+ a ɔwɔ mo mu no, n’anuonyam ho anidaso no.+ 28 Ɔno na yɛbɔ ne ho dawuru+ tu onipa biara fo na yɛkyerɛkyerɛ onipa biara wɔ nyansa nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde onipa biara bɛkyerɛ sɛ odi mũ+ wɔ Kristo mu. 29 Eyi nti na meyɛ adwumaden yere me ho+ sɛnea n’adwuma+ a ɔde tumi yɛ wɔ me mu no te.+