Atemmufo
10 Abimelek akyi no, Dodo ba Pua ba Tola na ɔsɔre gyinae sɛ obegye+ Israel. Ná ofi Isakar abusuakuw mu na ɔtenaa Samir wɔ Efraim+ bepɔw so. 2 Obuu Israel atɛn mfe aduonu abiɛsa, na ɛno akyi no owui ma wosiee no Samir.
3 N’akyi no Gileadni+ Yair nso bae, na obuu Israel atɛn mfe aduonu abien. 4 Ɔwoo mmabarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum aduasa so.+ Ná wɔwɔ nkurow aduasa wɔ Gilead asase so a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de besi nnɛ. 5 Akyiri yi Yair wui ma wosiee no Kamon.
6 Na Israelfo no fii ase yɛɛ bɔne bio wɔ Yehowa ani so,+ na wɔsom Baal+ ne Astoret+ ahoni ne Siria+ anyame ne Sidon+ anyame ne Moab+ anyame ne Ammonfo+ anyame ne Filistifo+ anyame. Enti wɔpoo Yehowa na wɔansom no.+ 7 Na Yehowa bo fuw Israel+ denneennen na ɔtɔn+ wɔn hyɛɛ Filistifo+ ne Ammonfo+ nsa. 8 Wodii Israelfo ani, na wɔhyɛɛ wɔn so saa afe no—na wɔyɛɛ saa mfe dunwɔtwe de teetee Israelfo a wɔwɔ Yordan agya wɔ Amorifo asase so wɔ Gilead no nyinaa. 9 Saa bere no na Ammonfo twa Yordan asubɔnten no na wɔne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie kɔko. Israel ho hiahiaa no ankasa.+ 10 Afei Israelfo su frɛɛ Yehowa,+ na wɔkae sɛ: “Yɛayɛ bɔne+ atia wo, efisɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn akɔsom Baal+ ahoni.”
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Bere a Egyptfo+ ne Amorifo+ ne Ammonfo+ ne Filistifo+ 12 ne Sidonfo+ ne Amalekfo+ ne Midianfo+ hyɛɛ mo so+ na musu frɛɛ me no, mannye mo amfi wɔn nsam? 13 Nanso mopoo me+ kɔsom anyame foforo.+ Enti merennye mo bio.+ 14 Anyame a moapaw+ wɔn no wɔ hɔ, momfrɛ wɔn na wɔmmɛboa mo.+ Sɛ mo ho akyere mo a, momma wommegye mo.” 15 Ɛnna Israelfo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne,+ enti yɛ yɛn nea ɛfata wɔ w’ani so biara.+ Nea yɛsrɛ ara ne sɛ gye yɛn nnɛ da yi.”+ 16 Na wofii ase yiyii ananafo anyame fii wɔn nkyɛn,+ na wɔsom Yehowa.+ Afei na ne kra+ ntumi nhwɛ Israelfo ahoyeraw no bio.+
17 Bere bi akyi no, Ammonfo+ boaa wɔn dɔm ano wɔ Gilead,+ na Israelfo nso boaa wɔn dɔm ano wɔ Mispa.+ 18 Na Gileadfo ne wɔn akunini bisaa wɔn ho sɛ: “Ɔbarima bɛn na obedi anim ne Ammonfo akɔko?+ Ɔno na obedi Gileadfo nyinaa so.”+