Atemmufo
5 Saa da no, Debora+ ne Abinoam ba+ Barak+ too dwom+ sɛ:
Sɛ ɔko ho ntam nti, wogyaw wɔn ti nhwi guu so wɔ Israel.
Sɛ nkurɔfo yii wɔn yam bae.+
7 Nnipa tu fii nkuraase, wotu fii Israel nkuraase+
Kosii sɛ me Debora,+ mesɔree,
Kosii sɛ mesɔree sɛ ɔbaatan wɔ Israel.+
Afei dɔm bɛtow hyɛɛ wɔn so wɔ kurow apon ano.+
Ɔkyɛm oo, peaw oo, ebi nni hɔ,
Israel mmarima mpem aduanan+ no nni bi.
10 Mo a motete mfurummere a wɔn ho adodow so,+
Mo a motete kuntu fɛfɛ so,
Mo a mofa atempɔn so,
Munsusuw ho!+
11 Wɔtee nsusawfo nne wɔ nsubura ho,+
Na ɛhɔ na wofii ase kaa Yehowa adetrenee ho asɛm,+
Ɛhɔ na wɔkaa ne nkurɔfo a wɔtete Israel nkuraase no adetrenee ho asɛm.
Afei Yehowa nkurɔfo sian kɔɔ kurow apon ano.
13 Saa bere no na wɔn a wɔkae no baa atumfoɔ no nkyɛn;
Yehowa nkurɔfo begyinaa m’afa ko tiaa nnɔmmarima.
Wobedii wo nkurɔfo akyi, O Benyamin.
Makir+ mu na asahene fi bae,
Na Sebulon mu na wɔn a wokura akyerɛwfo+ nneɛma pue bae.
15 Ná Isakar+ akunini ka Debora ho,
Na sɛnea Isakar te no, saa ara na Barak+ te.
Ɔnantew kɔɔ asasetaw no so.+
Ruben mmusua no koma nsi pi.+
16 Dɛn nti na na wote nnesoa abien ntam
Retie mmɛn a nguanhwɛfo rehyɛn?+
Ruben mmusua no koma nsi pi.+
17 Gilead tenaa ne fie wɔ Yordan agya nohoa;+
Na Dan nso, dɛn nti na ɔtenaa nsuhyɛn mu saa bere no?+
Aser yii n’ani tenaa mpoano,
Ɔtenaa hyɛn gyinabea hɔ ara.+
21 Kison asubɔnten,+ tete asubɔnten,
Kison asubɔnten hohoroo wɔn kɔe.+
Me kra, wutiatiaa akantinka so.+
23 Yehowa bɔfo+ kae sɛ, ‘Monnome+ Meros,’
‘Monnome ɛhɔfo,
Efisɛ wɔammɛboa Yehowa,
Wɔamfa nnɔmmarima ammɛboa Yehowa.’
26 Ɔteɛɛ ne nsa faa ntamadan pɛɛwa,
Na ɔde adwumayɛfo abɔsobaa hyɛɛ ne nsa nifa mu.+
Ɔbɔɔ so wuraa Sisera tirim,+
Na ɔwaee n’asontɔrem.
28 Ɔbea bi de n’ani hwɛɛ mfɛnsere mu sɛ obehu no anaa,
Sisera maame de n’ani hwɛɛ ntokuwa mu,+
‘Dɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ saa?+
Dɛn nti na ebesi sesɛɛ mentee n’apɔnkɔ nan ase?’+