1 Samuel
6 Na Yehowa adaka+ no dii Filistifo asase so asram ason. 2 Ɛnna Filistifo no frɛɛ asɔfo ne akɔmfo+ no bisaa wɔn sɛ: “Yɛnyɛ Yehowa adaka no dɛn? Monkyerɛ yɛn dekode a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea.” 3 Ɛnna wɔkae sɛ: “Sɛ mode Israel Nyankopɔn adaka no rekɔ a, mommfa nsapan nnkɔ. Momfa asodi afɔre+ nka ho nkɔma no. Ɛno na wɔbɛsa mo yare, na mubehu nea enti a ne nsa mfii mo so no.” 4 Ɛnna wobisae sɛ: “Asodi afɔre bɛn na yɛmfa nka ho nkɔma no?” Na wɔkae sɛ: “Momfa sika kɔkɔɔ nyɛ kooko anum ne sika mperekesima anum, sɛnea Filistifo ahene+ no dodow te, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo ahene so. 5 Na monyɛ mo kooko no sɛso ne mo mperekesima+ a wɔresɛe mo asase no sɛso, na momfa anuonyam+ mma Israel Nyankopɔn. Ebia ɔbɛma ne nsa ayɛ hare wɔ mo ne mo nyame ne mo asase so.+ 6 Na dɛn nti na moyɛ mo koma dennen sɛnea Egypt ne Farao yɛɛ wɔn koma dennen no?+ Ɛnyɛ bere a ɔde ɔhaw baa wɔn so wiei+ no ansa na wogyaee wɔn ma wɔkɔɔ wɔn kwan?+ 7 Afei monyɛ teaseɛnam foforo,+ na momfa anantwibere abien a wɔma nufu a wɔmfaa kɔndua+ biara ntoo wɔn so da, na momfa anantwi no nsesã teaseɛnam no, na montetew wɔn mma no mfi wɔn ho nkɔ fie. 8 Momfa Yehowa adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nneɛma+ a mode rekɔbɔ asodi+ afɔre ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn, na munnya no kwan ma ɛnkɔ. 9 Afei monhwɛ: sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asase so, Bet-Semes+ a, ɛnde na ɛyɛ ɔno na wayɛ yɛn bɔne kɛse yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnde na yɛahu sɛ ɛnyɛ ne nsa na ɔde aka yɛn; asiane+ bi na asiane yɛn.”
10 Enti nkurɔfo no yɛɛ saa. Wɔfaa anantwibere abien a wɔma nufu de wɔn sesãã teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma no mu wɔ fie. 11 Afei wɔde Yehowa adaka no sii teaseɛnam+ no so, na wɔde adaka ketewa no ne sika mperekesima ne wɔn kooko sɛso no kaa ho. 12 Na anantwi no faa kwan tẽẽ kɔɔ Bet-Semes+ kwan so. Tempɔn koro no ara so na wɔfae, na wɔrekɔ nyinaa na wɔresu. Wɔamman ankɔ nifa anaa benkum. Saa bere no nyinaa na Filistifo ahene+ no di wɔn akyi; wodii wɔn akyi koduu Bet-Semes hye so. 13 Ná Bet-Semesfo retwa awi+ wɔ asasetaw no so. Bere a wɔmomaa wɔn ani so na wohuu Adaka no, wodii ahurusi sɛ wɔahu. 14 Teaseɛnam no duu Bet-Semesni Yosua afuw mu, na egyinaa hɔ, faako a ɔbo kɛse bi wɔ no. Wɔpaapaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwi+ no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa.+
15 Ɛnna Lewifo+ no yii Yehowa adaka no sii hɔ, ne adaka ketewa a ɛka ho a sika nneɛma wɔ mu no, na wɔde sii ɔbo kɛse no so. Ɛnna Bet-Semesfo+ bɔɔ ɔhyew afɔre, na wɔbobɔɔ afɔre maa Yehowa saa da no.
16 Na Filistifo ahene+ baanum no hui, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ Ekron saa da no. 17 Eyinom ne sika kooko a Filistifo no de kɔbɔɔ asodi afɔre maa Yehowa+ no: Asdod+ de biako, Gasa+ de biako, Askelon+ de biako, Gat+ de biako, Ekron+ de biako. 18 Sɛnea Filistifo ahene baanum no nkurow dodow te no, saa na wɔyɛɛ sika mperekesima no, efi kurow a wɔabɔ ho ban so kosi petee mu akuraa so.
Ɔbo kɛse a wɔde Yehowa adaka no sii so no ayɛ adanse wɔ Bet-Semesni Yosua afuw no mu de besi nnɛ. 19 Yehowa adaka a Bet-Semesfo+ hwɛe nti, okunkum wɔn. Okum wɔn mu mmarima aduɔson—nnipa mpem aduonum—na ɔman no dii awerɛhow efisɛ Yehowa de okunkɛse kunkum ɔman no mufo.+ 20 Ɛnna Bet-Semesfo no kae sɛ: “Hena na obetumi agyina Yehowa, Onyankopɔn kronkronni+ yi anim, na hena nkyɛn na obefi yɛn so akɔ?”+ 21 Na wotuu abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo+ nkyɛn sɛ: “Filistifo no de Yehowa adaka no asan aba, na mommra mmɛfa nkɔ mo nkyɛn.”+