1 Samuel 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifo ahene no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wobisae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ. 1 Samuel 17:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na ɔkatakyi bi fi Filistifo nsraban mu bae; ne din de Goliat,+ a ofi Gat,+ na ne tenten yɛ basafa asia ne nsateakwaa akron.+ 2 Samuel 21:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Baanan yi yɛ Refaim asefo a wɔwoo wɔn wɔ Gat,+ na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsam.+
8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifo ahene no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wobisae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.
4 Na ɔkatakyi bi fi Filistifo nsraban mu bae; ne din de Goliat,+ a ofi Gat,+ na ne tenten yɛ basafa asia ne nsateakwaa akron.+