2 Samuel
21 Ɔkɔm+ bi bae Dawid nna mu toatoaa so mfe abiɛsa, na Dawid kɔɔ Yehowa anim kobisaa no. Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Mogya ho afodi wɔ Saul ne ne fie so efisɛ okunkum Gibeonfo.”+ 2 Enti ɔhene frɛɛ Gibeonfo+ no ne wɔn kasae. (Nso na Gibeonfo no nyɛ Israelfo. Ná wɔyɛ Amorifo+ a Israel kaa ntam+ kyerɛɛ wɔn no nkae, nanso Saul pɛe sɛ okunkum+ wɔn, Israel ne Yuda ho ninkunu+ a ɔtwee nti.) 3 Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfo no sɛ: “Dɛn na menyɛ mma mo, na dɛn na memfa mpata+ mo na ama moahyira Yehowa agyapade?”+ 4 Na Gibeonfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Saul ne ne fie asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika+ asɛm, na enni yɛn nsam nso sɛ yebekum obi wɔ Israel.” Na ɔkae sɛ: “Nea mobɛka biara, mɛyɛ ama mo.” 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a ɔsɛee+ yɛn na ɔbɔɔ pɔw+ sɛ ɔbɛtɔre yɛn ase afi Israel asase nyinaa so no, 6 ma wɔmfa ne mmarima baason a wofi ne mma mu mma yɛn,+ na yɛmfa wɔn nsensɛn+ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa paw+ no no kurow Gibea+ mu.” Enti ɔhene kae sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
7 Nanso Yehowa ntam+ a ɛda Dawid ne Saul ba Yonatan ntam no nti, ɔhene huu Saul ba Yonatan ba Mefiboset+ mmɔbɔ. 8 Enti ɔhene faa Aiya babea Rispa+ mmabarima baanu a ɔwoo wɔn maa Saul no, Armoni ne Mefiboset, ne Saul babea Mikal+ mmabarima baanum a ɔwoo wɔn maa Meholani Basilai ba Adriel+ no. 9 Na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa, na wɔn nso sensɛn wɔn wɔ bepɔw so, Yehowa anim,+ na baason no nyinaa totɔe prɛko. Wokunkum wɔn otwabere no da a edi kan, bere a wofi atokotwa ase no.+ 10 Na Aiya+ ba Rispa faa atweaatam+ de sɛw ɔbotan no so fae, na wamma wim nnomaa+ ammesisi wɔn so awia, na anadwo nso, wamma wuram mmoa+ amma wɔn ho, fi otwabere mfiase kosii sɛ osu tɔ fii soro beguu wɔn so.+
11 Akyiri yi, wɔkɔkaa+ nea Aiya ba Rispa, Saul yefam no, ayɛ kyerɛɛ Dawid. 12 Enti Dawid kogyee Saul nnompe+ ne ne ba Yonatan nnompe fii Yebes-Gileadfo+ hɔ; wɔn na wokowiaa wɔn fii Bet-San+ abɔnten so, baabi a Filistifo de wɔn kɔsɛnee,+ da a Filistifo no kum Saul wɔ Gilboa+ no. 13 Ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fi hɔ bae; afei wɔkɔsesaw mmarima a wɔsensɛn wɔn no nso nnompe.+ 14 Na wobesiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe wɔ Benyamin asase Sela+ so wɔ ne papa Kis+ amusiei, na wɔyɛɛ nea ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa. Eyi akyi no, Onyankopɔn tiee asase no ho sufrɛ.+
15 Filistifo+ no san ne Israel koe. Na Dawid ne ne nkoa sian kɔe ne Filistifo no kɔkoe, na Dawid brɛe. 16 Ɛnna Yisbi-Benob a ofi Refaim+ asefo mu a ne peaw+ ho kɔbere mu duru yɛ nnwetɛbona ahasa, na nkrante foforo bɔ n’asen no pɛe sɛ ɔbɔ Dawid kum no. 17 Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa+ no, na ɔbɔɔ Filistini no kum no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa ntam guu no so sɛ: “Wo ne yɛn mmfi adi nnkɔ ɔsa bio,+ anyɛ saa a wubedum+ Israel kanea!”+
18 Eyi akyi no, ɛbae sɛ wɔne Filistifo koe bio wɔ Gob. Saa bere no, Husani+ Sibekai+ bɔɔ Sipai a ofi Refaim+ asefo mu no kum no.
19 Na wɔsan ne Filistifo no koe wɔ Gob, na Betlehemni Yaare-Oregim ba Elhanan+ bɔɔ Gatni Goliat kum no; ɔno na na ne peaw te sɛ ntamanwemfo nsadua no.+
20 Wɔsan koe bio wɔ Gat;+ ná ɔbarima tenten kɛse bi wɔ hɔ a ne nsateaa yɛ asia asia, na ne nansoaa nso yɛ asia asia, ne nyinaa si aduonu anan; ɔno nso fi Refaim+ asefo mu. 21 Ná otwa Israel mpoa+ daa, na Dawid nua Simea+ ba Yonatan+ bɔɔ no kum no.
22 Baanan yi yɛ Refaim asefo a wɔwoo wɔn wɔ Gat,+ na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsam.+