1 Samuel 18:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ná Saul babea Mikal+ dɔ Dawid, na bere a wɔka kyerɛɛ Saul no, asɛm no yɛɛ no anigye. 1 Samuel 25:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Saul de, na ɔde ne babea Mikal,+ Dawid yere no ama Lais ba Palti+ a ofi Galim+ no aware. 2 Samuel 3:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Bio nso Dawid tuu abɔfo kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifo mmarima ɔha dua ano were+ gyee no aware no ma me.” 2 Samuel 6:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Enti Saul babea Mikal+ de, wanwo ba kosii ne wuda.
14 Bio nso Dawid tuu abɔfo kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifo mmarima ɔha dua ano were+ gyee no aware no ma me.”