22 Dawid kaa dwom+ yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa, ɛda a Yehowa gyee no fii n’atamfo nyinaa nsam,+ na ogyee no fii Saul nsam no.+ 2 Ɔkae sɛ:
“Yehowa ne me botan+ ne m’abannennen+ ne me Gyefo.+
3 Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno na miguan metoa no,
Me kyɛm+ ne me nkwagye abɛn,+ m’abantenten,+
Me guankɔbea,+ me Gyefo;+ wugye me fi awudisɛm mu.+
4 Misu mefrɛ Yehowa, Ɔno a ɔfata ayeyi+ no,
Na obegye me afi m’atamfo nsam.+
5 Asorɔkye a edi awu twaa me ho hyiae;+
Ahuhufo nsuyiri nso yii me hu daa.+
6 Adamoa+ nhama twaa me ho hyiae;
Owu mfiri bɛtoaa me.+
7 M’ahohia mu, mefrɛɛ Yehowa,+
Na misu frɛɛ me Nyankopɔn.+
Ɔtee me nne n’asɔrefie hɔ,+
Na me sufrɛ no duu n’asom.+
8 Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosow biribiri;+
Ɔsoro nnyinaso nso wosowee,+
N’abufuw nti, ɛwosow biribiri.+
9 Wusiw fii ne hwenem, na n’anom gya nso hyew ade;+
Nsramma dɛw fii ne mu.+
10 Okuntun ɔsoro mu sianee.+
Ná esum kabii wɔ ne nan ase.+
11 Ɔtenaa kerubim+ so tu bae,
Na wohuu no sɛ ɔte ɔbɔfo ntaban so.+
12 Ɛnna ɔde sum twaa ne ho hyiae sɛ ɔsese,+
Osu a amuna tumm, omununkum kusuu mu.+
13 N’anim hann mu na nsramma a ɛredɛw fi bae.+
14 Yehowa fi ɔsoro boboom,+
Ɔsorosoroni no maa ne nne so.+
15 Ɔsomaa agyan bae, na ɔde bɔɔ wɔn hwetee;+
Ɔtotow anyinam de tan wɔn ani.+
16 Wohuu po ase,+
Na asase fapem+ yii adi,
Yehowa animka ne ne hwenem home hahyeehahyee no nti.+
17 Ɔteɛɛ ne nsa fii soro, osoo me mu;+
Oyii me fii nsu akɛse mu.+
18 Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam;+
Ogyee me fii wɔn a wokyi me nsam, efisɛ na wɔn ho yɛ den sen me.+
19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+
Nanso Yehowa bɛyɛɛ me boafo.+
20 Oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw;+
Ogyee me efisɛ n’ani gyee me ho.+
21 Yehowa tua me ka sɛnea me trenee te;+
Sɛnea me nsa ho tew na otua me ka.+
22 Efisɛ mafa Yehowa akwan so,+
Na minnyaw me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.+
23 N’atemmusɛm+ nyinaa wɔ m’anim,
Na ne mmara nso, merentwe me ho mfi ho.+
24 Medi mũ+ wɔ n’anim,
Na mɛtwe me ho afi bɔne ho.+
25 Ma Yehowa ntua me ka sɛnea me trenee te;+
Sɛnea me nsa ho tew wɔ n’anim no, ontua me ka.+
26 Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi mu;+
Ɔbarima a odi mũ na wo ne no bedi no mũdi mu;+
27 Nea ɔma ne ho tew na wobɛtew wo ho ama no;+
Na ɔkɔntɔnkyeni de, wo ne no bedi no sɛ nea onni ti.+
28 Wubegye ahobrɛasefo nso;+
Na ahantanfo de, w’ani sã wɔn na wobrɛ wɔn ase.+
29 O Yehowa, wone me kanea;+
Yehowa na ɔma esum dan me hann.+
30 Wo nti, mitumi tow hyɛ afowfo dɔm so;+
Me Nyankopɔn nti mitumi foro ɔfasu.+
31 Nokware Nyankopɔn no de, ne kwan yɛ pɛ;+
Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+
Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan kɔtoa no nyinaa.+
32 Hena ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+
Na hena ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+
33 Nokware Nyankopɔn no ne me guankɔbea a ɛyɛ den,+
Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ;+
34 Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de,+
Na baabi a ɛwɔ sorosoro mpo, ɔma mitumi gyina hɔ.+
35 Ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodi,+
Na me basa kuntun kɔbere tadua mu.+
36 Wode wo nkwagye kyɛm bɛma me,+
Na w’ahobrɛase na ɛma meyɛ kɛse.+
37 Wobɛma m’anammɔn mu atrɛw,+
Na me nankɔn anwosowosow.+
38 Mɛpam m’atamfo akosi sɛ mɛsɛe wɔn;
Merensan kosi sɛ mɛtɔre wɔn ase.+
39 Mɛtɔre wɔn ase na mabubu wɔn,+ na wɔansɔre bio;+
Wɔbɛhwe ase me nan ase.+
40 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔso ama ɔsa,+
Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase wɔ me nan ase.+
41 Wode m’atamfo kɔn akyi bɛma me,+
Na wɔn a wokyi me no, mɛsɛe wɔn.+
42 Wosu frɛ, nanso ogyefo bi nni hɔ,+
Wɔfrɛ Yehowa, nanso ommua wɔn.+
43 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ asase so mfutuma,
Na mɛwɔw+ wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ;
Metiatia wɔn so ayam wɔn.
44 Wubeyi me afi me man kasatia mu.+
Na wobɛhwɛ me so ama madi amanaman so.+
Ɔman a minnim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+
45 Ahɔho nso bɛbrɛ wɔn ho ase ama me;+
Wɔbɛyɛ aso atie me.+
46 Ahɔho bekisa,
Na wɔde ahopopo befi wɔn hintabea aba.+
47 Yehowa te ase;+ nhyira nka me Botantim+ no,
Na me nkwagye botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.+
48 Nokware Nyankopɔn no na ɔtɔ were ma me;+
Na Ɔno na ɔde aman hyɛ m’ase,+
49 Ɔno na ogye me fi m’atamfo nsam.+
Wobɛma me so wɔn a wɔsɔre tia me no so;+
Wubegye me afi nea odi awudisɛm nsam.+
50 Ɛno nti, mɛda wo ase amanaman+ mu, O Yehowa,
Na mɛto ayeyi dwom ama wo din:+
51 Ɔno na ɔyɛ nkwagye nnwuma akɛse ma ne hene,+
Na ɔyɛ nea wasra no no adɔe,+
Dawid ne n’aseni no, daa daa.”+