Exodus 14:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+ Dwom 106:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Enti ɔkaa Po Kɔkɔɔ no anim, na ɛyowee;+Ɔne wɔn nantew subun no mu sɛnea wɔnam sare so;+ Dwom 114:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛpo hui, na eguanee;+Na Yordan de, ɛsan n’akyi.+ Nahum 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔka po anim+ ma ɛyow; ɔma nsubɔnten nyinaa yow wosee.+ Basan ne Karmel atwintwam+ na Lebanon nhwiren nso atwintwam.
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+
4 Ɔka po anim+ ma ɛyow; ɔma nsubɔnten nyinaa yow wosee.+ Basan ne Karmel atwintwam+ na Lebanon nhwiren nso atwintwam.