1 Samuel 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,+Na ɔma ohiani so fi sumina so+Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehye mu; ɔde anuonyam ahengua+ yɛ agyapade ma wɔn.+Yehowa na asase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asase asi so. 1 Beresosɛm 16:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Asase so aman nyinaa, ne nti momma mo yam nhyehye mo!Asase nso atim pintinn,Na ɛrenhim da.+ Dwom 9:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔno na obebu asase atɛn trenee mu;+Obedi amanaman asɛm teeyɛ mu.+ Dwom 33:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Momma asase sofo nyinaa nsuro Yehowa.+Momma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ho mpopo n’anim.+ Dwom 77:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 W’aprannaa mmobom te sɛ teaseɛnam nan;+Anyinam hyerɛn wiase;+Asase hinhim na ɛwosow.+
8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,+Na ɔma ohiani so fi sumina so+Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehye mu; ɔde anuonyam ahengua+ yɛ agyapade ma wɔn.+Yehowa na asase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asase asi so.