Yosua 11:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Wannyaw Anakimni biara wɔ Israelfo asase so, gye Gasa+ ne Gat+ ne Asdod+ na ebi kae.+ 2 Samuel 21:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Baanan yi yɛ Refaim asefo a wɔwoo wɔn wɔ Gat,+ na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsam.+ 1 Beresosɛm 20:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Eyinom yɛ Refaim+ asefo a wɔwoo wɔn wɔ Gat,+ na wɔtotɔe+ Dawid ne ne nkoa nsam.