Hiob
20 Ɛnna Sofar+ a ofi Naama no kae sɛ:
2 “Me ho yeraw me,
Enti nea ɛrekɔ so wɔ me tirim no pusuw me sɛ menkasa.
4 Sɛnea wunim biribiara yi de, ɛnde wunim eyi dedaadaw,
Efisɛ efi bere a wɔde onipa* too asaase so nyinaa saa ara na ɛte;+
5 Ɛne sɛ, omumɔyɛfo nni ahurusi nkyɛ,
6 Sɛ ne kɛseyɛ kodu ɔsoro,
Na ne ti kɔka omununkum mpo a,
7 Ɔbɛyera koraa te sɛ ɔno ara ne tiafi.
Wɔn a bere bi na wohu no no bebisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
10 Ɔno ara ne mma bɛsrɛ ahiafo sɛ wɔmmoa wɔn,
Na n’ankasa nsa bɛsan de n’ahonyade akɔ baabi a onya fii.+
12 Sɛ adebɔne yɛ n’anom dɛ,
Na ɔde sie ne tɛkrɛma ase,
13 Sɛ ɔma ɛyɛ no dɛ, na wampuw angu,
Na ɔma ɛkɔ so da n’anom a,
14 N’aduan bɛyɛ nwene wɔ ne yam;
Ɛbɛyɛ sɛ ɔprammiri bɔre* wɔ ne mu.
15 Wamemene ahonyade, nanso ɔbɛfe aba;
Onyankopɔn beyi afi ne yam.
17 Ɔrenhu asu a ɛretene no da,
Ɛwo ne bɔta a ɛrebu fa so sɛ nsu no.
19 Efisɛ watiatia ahiafo so agyaw wɔn hɔ,
Na wagye ofi a ɛnyɛ ɔno na osii.
20 Nanso n’asom rennwo no;
N’ahonyade rentumi nnye no.
21 Biribiara nni hɔ a aka a ɔbɛmene;
Ɛno nti na ne yiyedi renkyɛ no.
22 Bere a wanya ahonyade ama abu so no, adwinnwen bɛhyɛ no so;
Mmusu kɛse bɛba no so.
24 Sɛ oguan fi dade akode ano a,
Kɔbere agyan bɛwɔ ne mu.
26 N’agyapade bɛyera wɔ esum kabii mu;
Ogya a obiara mfita mu bɛhyew no;
Obiara a waka wɔ ne ntamadan mu no, amanehunu bɛto no.
27 Ɔsoro bɛma ne mfomso ada adi;
Asaase bɛsɔre adi adanse atia no.
29 Eyi na onipabɔnefo benya afi Onyankopɔn hɔ,
Eyi ne agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama no.”