Hiob
39 “Wunim bere a bepɔw so mpɔnkye de wo?+
Na woahu sɛ ɔwansan rewo pɛn?+
2 Wubetumi akan abosome dodow a wɔn mma di wɔ wɔn yam?
Wunim bere a wɔde wo?
3 Wɔkotow wo wɔn mma,
Na wɔn awo mu yaw no to twa.
4 Wɔn mma nya ahoɔden, na wonyinyin wɔ wuram;
Wopue kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn bio.
6 Mede sare so ayɛ ne fi,
Na mede nkyene kurow ayɛ ne tenabea.
7 Ɔmfa gyegyeegye a ɛwɔ kurow mu nyɛ hwee;
Ɔnte nea ɔka no kɔ adwuma no nteɛteɛm.
8 Okyinkyin mmepɔw so hwehwɛ adidibea;
Ɔhwehwɛ wura biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.
9 Wohwɛ a, ɛkoɔ* bɛpene so asom wo?+
Anaa ɔbɛda buw a woabobɔ* mu anadwo?
10 Wubetumi de hama akyekyere ɛkoɔ ama watwa nkofi nteaanteaa ama wo?
Anaa obedi w’akyi afuntum wɔ obon mu?
11 Wode wo ho bɛto n’ahoɔden dodow so,
Na wode w’adwuma kɛse ahyɛ ne nsa?
14 Efisɛ ɔtow ne nkosua gu fam,
Na mfuturu mu na ɔma enya ɔhyew.
15 Ne werɛ fi sɛ obi nan betumi abobɔ no,
Anaa wuram aboa bi betumi atiatia so.
18 Nanso sɛ ɔsɔre, na ɔbɔ ne ntaban mu a,
Ɔserew ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so.
19 Wo na woma ɔpɔnkɔ ahoɔden?+
Anaa wo na wode nwi hyehyɛ ne kɔn mu?
20 Wubetumi ama wahuruhuruw sɛ ntutummɛ?
Sɛ ɔporow ne hwene mu a, ɛyɛ hu paa.+
22 Ohu ade a ɛyɛ hu a, ɔserew, na onsuro hwee.+
Na onguan mfi sekan ano.
23 Agyan wosow wɔ no so,
Peaw ne pɛmɛ twa yerɛwyerɛw.
25 Sɛ ɔte abɛn a, ɔka sɛ, ‘Ahãã!’
Ɔko wɔ akyirikyiri mpo a, ɔte ne hua,
Na ɔte asahene nteɛteɛm ne ɔko nteɛm.+
26 Wo nyansa nti na akorɔma tu fãã,
Na ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ anaafo anaa?