Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom.
21 O Yehowa, w’ahoɔden mu na ɔhene di ahurusi;+
Hwɛ sɛnea odi ahurusi kɛse wɔ wo nkwagye nnwuma mu!+
2 Woama no ne koma so ade,+
Na n’abisade nso, woamfa ankame no. (Sela)
3 Wode nhyira pii hyia no;
Wode ahenkyɛw a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ahyɛ no.+
4 Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,+
Womaa no nkwa tenten, womaa no nkwa a enni awiei.
5 Wo nkwagye nnwuma hyɛ no anuonyam kɛse.+
Woma onya nidi ne anuonyam.
6 Woayɛ no obi a wɔahyira no daa;+
Woma n’ani gye, efisɛ woka ne ho.+
7 Ɔhene de ne ho ato Yehowa so;+
Ɔsorosoroni no dɔ a enni huammɔ nti, ɔrenhinhim da.+
8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;
Wo nsa nifa beso wɔn a wɔtan wo no mu.
9 Sɛ bere a wobɛba wɔn so no du a, wobɛyɛ wɔn sɛ nea wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu.
Yehowa abufuw mu na ɔbɛmene wɔn, na ogya bɛhyew wɔn.+
10 Wobɛtɔre wɔn mma ase afi asaase so,
Na wobɛpopa wɔn asefo afi nnipa mma mu;
11 Efisɛ wɔrepɛ wo adi wo bɔne;+
Wɔabɔ pɔw bɔne, nanso ɛremma mu.+
12 W’agyan a wode akyerɛ wɔn so nti,
Wɔbɛdan wɔn ho aguan.+
13 O Yehowa, sɔre na kyerɛ wo tumi.
Yɛbɛto ayeyi nnwom, yɛbɛto wo kɛseyɛ ho dwom.