Genesis 24:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Afei na Abraham mfe akɔ anim na wabɔ akwakoraa; na na Yehowa ahyira Abraham wɔ biribiara mu.+ Hiob 42:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Yehowa hyiraa+ Hiob awiei sen ne mfiase,+ ma onyaa nguan mpem dunan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem. Dwom 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nkwagye yɛ Yehowa dea.+Wo nhyira wɔ wo man so.+ Sela. Dwom 67:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Asase bɛma ne nnɔbae;+Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.+ Mmebusɛm 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo,+ na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.+ Hebrifo 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛ nhwɛso no, asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na afei ɛma afifide a eye ba ma wɔn a wɔn nti na wɔdɔwee no,+ ɛno nso nya Onyankopɔn hɔ nhyira.
12 Na Yehowa hyiraa+ Hiob awiei sen ne mfiase,+ ma onyaa nguan mpem dunan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.
7 Sɛ nhwɛso no, asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na afei ɛma afifide a eye ba ma wɔn a wɔn nti na wɔdɔwee no,+ ɛno nso nya Onyankopɔn hɔ nhyira.