Leviticus 26:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 me nso mɛma osu atɔ ne bere mu,+ na asase no bɛma ne nnɔbae,+ na wuram nnua asow aba pii.+ Dwom 85:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Yehowa nso, adepa na ɔde bɛma,+Na yɛn asase bɛbɔ ne nnɔbae.+ Yesaia 30:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua+ so na w’asase so nnɔbae ama wo aduan sɔkyee.+ Na da no, wo mmoa benya asase tɛtrɛɛ adidi so.+ Hesekiel 34:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Na wuram nnua bɛsow aba+ na asase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mibubu wɔn kɔndua+ mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wobehu sɛ mene Yehowa.
23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua+ so na w’asase so nnɔbae ama wo aduan sɔkyee.+ Na da no, wo mmoa benya asase tɛtrɛɛ adidi so.+
27 Na wuram nnua bɛsow aba+ na asase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mibubu wɔn kɔndua+ mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wobehu sɛ mene Yehowa.