12 Yehowa bebue ɔsoro adekorabea pa ama wo na watɔ osu agu w’asase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Na wubenya pii de afɛm aman bebree, na wo de, worenkɔfɛm hwee.+
23 Sion mma, momma mo ani nnye, na munni Yehowa mo Nyankopɔn mu ahurusi,+ na ɔbɛma mo asusow sɛnea ɛsɛ,+ na ɔbɛma osu atɔ ama mo ma moanya asusow ne adonsu sɛ kan no.+
7 “‘Enti aka asram abiɛsa ma twabere adu no mamma osu antɔ amma mo;+ na memaa osu tɔɔ kurow biako mu, nanso mamma antɔ wɔ kurow foforo mu. Osu tɔ guu asase biako so, na asase a mamma osu antɔ angu so no so woe wosee.+