Leviticus 26:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 me nso mɛma osu atɔ ne bere mu,+ na asase no bɛma ne nnɔbae,+ na wuram nnua asow aba pii.+ Deuteronomium 11:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 ɛnde me nso mɛtɔ osu agu mo asase so wɔ ne bere mu,+ asusow ne adonsu.+ Na mobɛboaboa mo nnɔbae ne mo nsã dɔkɔdɔkɔ ne mo ngo ano. Yeremia 14:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Amanaman no abosonhuhuw+ no bi betumi atɔ osu? Na ɔsoro ankasa betumi ama asusow atue?+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo anaa?+ Wone yɛn anidaso, efisɛ wo na woayɛ eyinom nyinaa.+
14 ɛnde me nso mɛtɔ osu agu mo asase so wɔ ne bere mu,+ asusow ne adonsu.+ Na mobɛboaboa mo nnɔbae ne mo nsã dɔkɔdɔkɔ ne mo ngo ano.
22 Amanaman no abosonhuhuw+ no bi betumi atɔ osu? Na ɔsoro ankasa betumi ama asusow atue?+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo anaa?+ Wone yɛn anidaso, efisɛ wo na woayɛ eyinom nyinaa.+