Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 28
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium 28:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 15:26; Le 26:3; Yes 1:19; Lu 1:6
  • +De 26:19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/1995, kr. 26

Deuteronomium 28:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 10:22

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2010, kr. 19-20

    9/15/2010, kr. 7-8

    9/15/2001, kr. 10

Deuteronomium 28:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 107:36
  • +De 11:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1996, kr. 15

Deuteronomium 28:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:9; De 7:13; Dw 127:3; 128:3
  • +De 30:9
  • +Dw 107:38

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1996, kr. 15-16

Deuteronomium 28:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 26:2
  • +Ex 12:34; 23:25; Ru 1:6

Deuteronomium 28:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 27:17; De 31:2; 2Be 1:10; Dw 91:14; 121:8

Deuteronomium 28:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:7; De 32:30; Yos 10:11; 2Sa 22:38; Dw 89:23
  • +De 7:23; 2Be 14:13; Heb 11:34

Deuteronomium 28:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:10; Mme 3:10; Mal 3:10
  • +De 15:10

Deuteronomium 28:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:6; 1Pe 1:15
  • +Ge 17:7; Ex 19:6; De 7:8; Heb 6:13
  • +De 27:1

Deuteronomium 28:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 6:27; 2Be 7:14; Yes 43:10; 63:19; Da 9:19; Aso 15:17
  • +Nu 22:3; De 11:25; Yos 5:1

Deuteronomium 28:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:4
  • +De 30:9; Dw 65:9
  • +Ge 15:18

Deuteronomium 28:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:4; De 11:14; Yer 14:22
  • +De 14:29; 15:10; Dw 67:7; 115:13
  • +De 15:6

Deuteronomium 28:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 119:98
  • +1Ah 4:21

Deuteronomium 28:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:32; Yos 1:7; Mme 4:27; Yes 30:21
  • +Le 19:4; De 11:16; Dw 96:5; 1Ko 8:4

Deuteronomium 28:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:16; Da 9:11; Mal 2:2; Ga 3:13

Deuteronomium 28:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 7:12; 26:6; Kwa 1:1
  • +1Ah 17:1; Yoe 1:4; Hag 1:6

Deuteronomium 28:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 26:2
  • +Le 26:26; Mik 6:14

Deuteronomium 28:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:9; Kwa 2:11, 19; 4:10; Ho 9:12
  • +Le 26:20
  • +Le 26:22

Deuteronomium 28:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 15:5

Deuteronomium 28:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:31; De 4:26; Yos 23:16
  • +Mal 2:2
  • +1Sa 4:10; 2Ah 14:12
  • +Dw 39:11; 80:16; Yes 30:17; 51:20; Hes 5:15

Deuteronomium 28:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:25; Yer 21:6; 24:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu, 1/2021, kr. 3-4

Deuteronomium 28:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:16
  • +Le 26:33; Yer 16:4
  • +1Ah 8:37
  • +2Be 6:28; Am 4:9; Hag 2:17

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu, 1/2021, kr. 3-4

Deuteronomium 28:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:19; De 11:17; 1Ah 8:35; 17:1; Yer 14:4; Am 4:7

Deuteronomium 28:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:17; De 32:30
  • +Yer 24:9; 29:18; Hes 23:46; Lu 21:24

Deuteronomium 28:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 17:44; Dw 79:2; Yer 7:33

Deuteronomium 28:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:15; Am 4:10

Deuteronomium 28:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 7:7
  • +Ex 4:11; Le 26:16
  • +Yer 4:9

Deuteronomium 28:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 59:10; Sef 1:17
  • +Ate 3:14; 6:4; Ne 9:27; Dw 106:42

Deuteronomium 28:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 8:10
  • +Yes 5:9; Kwa 5:2; Sef 1:13
  • +Am 5:11; Mik 6:15

Deuteronomium 28:31

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 22:42

Deuteronomium 28:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:9; Yoe 3:6
  • +Ne 5:5

Deuteronomium 28:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:16; De 28:51; Ne 9:37; Yes 1:7; Yer 5:17
  • +Sak 11:6

Deuteronomium 28:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:67

Deuteronomium 28:35

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:27; Hio 2:7

Deuteronomium 28:36

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 17:6; 25:26; Yes 39:7
  • +2Ah 25:7; 2Be 33:11; 36:6; Yer 22:11
  • +De 4:28; Yer 16:13

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Daniel Nkɔmhyɛ, kr. 71-72

Deuteronomium 28:37

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 9:8; Yer 25:9
  • +2Be 7:20; Dw 44:14; Yer 24:9

Deuteronomium 28:38

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 5:10; Hag 1:6
  • +1Ah 8:37; 2Be 6:28; Yoe 2:3, 25

Deuteronomium 28:39

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Sef 1:13
  • +Yon 4:7

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/2006, kr. 18

Deuteronomium 28:40

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mik 6:15

Deuteronomium 28:41

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:32; 2Ah 24:14; Yer 52:15, 30; Kwa 1:5

Deuteronomium 28:43

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:47

Deuteronomium 28:44

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 15:5, 6; Mme 22:7
  • +Esr 9:7

Deuteronomium 28:45

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:15; 29:27; Yer 26:6
  • +Le 26:28; 2Ah 17:20; Yes 1:20; Yer 24:10
  • +De 11:28; Dw 119:21; Yer 7:24

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/1995, kr. 15-16

Deuteronomium 28:46

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 25:18; Hes 14:8; 1Ko 10:11

Deuteronomium 28:47

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 8:10; Dw 100:2
  • +De 12:7; 32:15; Ne 9:35

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/1995, kr. 15-16

Deuteronomium 28:48

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 44:27
  • +2Be 12:8; Yer 5:19; 17:4
  • +Yer 28:14

Deuteronomium 28:49

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 28:11; Yer 5:15
  • +Yer 6:22; Hab 1:6
  • +Yer 4:13; Kwa 4:19; Ho 8:1

Deuteronomium 28:50

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 21:31
  • +2Be 36:17; Yes 47:6; Lu 19:44

Deuteronomium 28:51

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:33
  • +Le 26:26; Yer 15:13

Deuteronomium 28:52

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 17:5; 25:1; Yer 39:1; Lu 19:43

Deuteronomium 28:53

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:29; 2Ah 6:28; Yer 19:9; Kwa 2:20; 4:10; Hes 5:10

Deuteronomium 28:54

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 15:9; Mme 23:6

Deuteronomium 28:55

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:48; Yer 52:6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    8/1/1989, kr. 29

Deuteronomium 28:56

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kwa 4:5

Deuteronomium 28:57

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 49:15
  • +De 28:53

Deuteronomium 28:58

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 24:7; Le 26:15; De 31:26
  • +Ex 3:15; 6:3; 20:2; Dw 83:18; 113:3; Yes 42:8; Mal 2:2
  • +Ex 14:4; Le 10:3; Dw 72:19
  • +De 10:17; Ne 1:5; Dw 99:3; Yes 29:23

Deuteronomium 28:59

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:21; 2Be 21:14; Da 9:12
  • +De 28:22; 2Be 21:15

Deuteronomium 28:60

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:12, 15; 28:27; Am 4:10

Deuteronomium 28:62

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:22; 26:5; Ne 9:23
  • +De 4:27

Deuteronomium 28:63

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 30:9
  • +Mme 1:26
  • +Yer 12:14; 18:7

Deuteronomium 28:64

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:33; De 4:27; Ne 1:8; Lu 21:24
  • +De 4:28; 28:36; Yer 16:13

Deuteronomium 28:65

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 5:12; Am 9:4
  • +Le 26:36; Hes 12:19
  • +Le 26:16

Deuteronomium 28:66

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 10:27

Deuteronomium 28:67

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:34

Deuteronomium 28:68

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:13; Yer 44:12; Ho 9:3
  • +Ne 5:8

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 28:1Ex 15:26; Le 26:3; Yes 1:19; Lu 1:6
Deut. 28:1De 26:19
Deut. 28:2Mme 10:22
Deut. 28:3Dw 107:36
Deut. 28:3De 11:14
Deut. 28:4Le 26:9; De 7:13; Dw 127:3; 128:3
Deut. 28:4De 30:9
Deut. 28:4Dw 107:38
Deut. 28:5De 26:2
Deut. 28:5Ex 12:34; 23:25; Ru 1:6
Deut. 28:6Nu 27:17; De 31:2; 2Be 1:10; Dw 91:14; 121:8
Deut. 28:7Le 26:7; De 32:30; Yos 10:11; 2Sa 22:38; Dw 89:23
Deut. 28:7De 7:23; 2Be 14:13; Heb 11:34
Deut. 28:8Le 26:10; Mme 3:10; Mal 3:10
Deut. 28:8De 15:10
Deut. 28:9De 7:6; 1Pe 1:15
Deut. 28:9Ge 17:7; Ex 19:6; De 7:8; Heb 6:13
Deut. 28:9De 27:1
Deut. 28:10Nu 6:27; 2Be 7:14; Yes 43:10; 63:19; Da 9:19; Aso 15:17
Deut. 28:10Nu 22:3; De 11:25; Yos 5:1
Deut. 28:11De 28:4
Deut. 28:11De 30:9; Dw 65:9
Deut. 28:11Ge 15:18
Deut. 28:12Le 26:4; De 11:14; Yer 14:22
Deut. 28:12De 14:29; 15:10; Dw 67:7; 115:13
Deut. 28:12De 15:6
Deut. 28:13Dw 119:98
Deut. 28:131Ah 4:21
Deut. 28:14De 5:32; Yos 1:7; Mme 4:27; Yes 30:21
Deut. 28:14Le 19:4; De 11:16; Dw 96:5; 1Ko 8:4
Deut. 28:15Le 26:16; Da 9:11; Mal 2:2; Ga 3:13
Deut. 28:16Yer 7:12; 26:6; Kwa 1:1
Deut. 28:161Ah 17:1; Yoe 1:4; Hag 1:6
Deut. 28:17De 26:2
Deut. 28:17Le 26:26; Mik 6:14
Deut. 28:18De 5:9; Kwa 2:11, 19; 4:10; Ho 9:12
Deut. 28:18Le 26:20
Deut. 28:18Le 26:22
Deut. 28:192Be 15:5
Deut. 28:20Le 26:31; De 4:26; Yos 23:16
Deut. 28:20Mal 2:2
Deut. 28:201Sa 4:10; 2Ah 14:12
Deut. 28:20Dw 39:11; 80:16; Yes 30:17; 51:20; Hes 5:15
Deut. 28:21Le 26:25; Yer 21:6; 24:10
Deut. 28:22Le 26:16
Deut. 28:22Le 26:33; Yer 16:4
Deut. 28:221Ah 8:37
Deut. 28:222Be 6:28; Am 4:9; Hag 2:17
Deut. 28:23Le 26:19; De 11:17; 1Ah 8:35; 17:1; Yer 14:4; Am 4:7
Deut. 28:25Le 26:17; De 32:30
Deut. 28:25Yer 24:9; 29:18; Hes 23:46; Lu 21:24
Deut. 28:261Sa 17:44; Dw 79:2; Yer 7:33
Deut. 28:27De 7:15; Am 4:10
Deut. 28:28Ɔsɛ 7:7
Deut. 28:28Ex 4:11; Le 26:16
Deut. 28:28Yer 4:9
Deut. 28:29Yes 59:10; Sef 1:17
Deut. 28:29Ate 3:14; 6:4; Ne 9:27; Dw 106:42
Deut. 28:30Yer 8:10
Deut. 28:30Yes 5:9; Kwa 5:2; Sef 1:13
Deut. 28:30Am 5:11; Mik 6:15
Deut. 28:312Sa 22:42
Deut. 28:322Be 29:9; Yoe 3:6
Deut. 28:32Ne 5:5
Deut. 28:33Le 26:16; De 28:51; Ne 9:37; Yes 1:7; Yer 5:17
Deut. 28:33Sak 11:6
Deut. 28:34De 28:67
Deut. 28:35De 28:27; Hio 2:7
Deut. 28:362Ah 17:6; 25:26; Yes 39:7
Deut. 28:362Ah 25:7; 2Be 33:11; 36:6; Yer 22:11
Deut. 28:36De 4:28; Yer 16:13
Deut. 28:371Ah 9:8; Yer 25:9
Deut. 28:372Be 7:20; Dw 44:14; Yer 24:9
Deut. 28:38Yes 5:10; Hag 1:6
Deut. 28:381Ah 8:37; 2Be 6:28; Yoe 2:3, 25
Deut. 28:39Sef 1:13
Deut. 28:39Yon 4:7
Deut. 28:40Mik 6:15
Deut. 28:41De 28:32; 2Ah 24:14; Yer 52:15, 30; Kwa 1:5
Deut. 28:43Le 25:47
Deut. 28:44De 15:5, 6; Mme 22:7
Deut. 28:44Esr 9:7
Deut. 28:45De 28:15; 29:27; Yer 26:6
Deut. 28:45Le 26:28; 2Ah 17:20; Yes 1:20; Yer 24:10
Deut. 28:45De 11:28; Dw 119:21; Yer 7:24
Deut. 28:46Yer 25:18; Hes 14:8; 1Ko 10:11
Deut. 28:47Ne 8:10; Dw 100:2
Deut. 28:47De 12:7; 32:15; Ne 9:35
Deut. 28:48Yer 44:27
Deut. 28:482Be 12:8; Yer 5:19; 17:4
Deut. 28:48Yer 28:14
Deut. 28:49Yes 28:11; Yer 5:15
Deut. 28:49Yer 6:22; Hab 1:6
Deut. 28:49Yer 4:13; Kwa 4:19; Ho 8:1
Deut. 28:50Hes 21:31
Deut. 28:502Be 36:17; Yes 47:6; Lu 19:44
Deut. 28:51De 28:33
Deut. 28:51Le 26:26; Yer 15:13
Deut. 28:522Ah 17:5; 25:1; Yer 39:1; Lu 19:43
Deut. 28:53Le 26:29; 2Ah 6:28; Yer 19:9; Kwa 2:20; 4:10; Hes 5:10
Deut. 28:54De 15:9; Mme 23:6
Deut. 28:55De 28:48; Yer 52:6
Deut. 28:56Kwa 4:5
Deut. 28:57Yes 49:15
Deut. 28:57De 28:53
Deut. 28:58Ex 24:7; Le 26:15; De 31:26
Deut. 28:58Ex 3:15; 6:3; 20:2; Dw 83:18; 113:3; Yes 42:8; Mal 2:2
Deut. 28:58Ex 14:4; Le 10:3; Dw 72:19
Deut. 28:58De 10:17; Ne 1:5; Dw 99:3; Yes 29:23
Deut. 28:59Le 26:21; 2Be 21:14; Da 9:12
Deut. 28:59De 28:22; 2Be 21:15
Deut. 28:60De 7:12, 15; 28:27; Am 4:10
Deut. 28:62De 10:22; 26:5; Ne 9:23
Deut. 28:62De 4:27
Deut. 28:63De 30:9
Deut. 28:63Mme 1:26
Deut. 28:63Yer 12:14; 18:7
Deut. 28:64Le 26:33; De 4:27; Ne 1:8; Lu 21:24
Deut. 28:64De 4:28; 28:36; Yer 16:13
Deut. 28:65Hes 5:12; Am 9:4
Deut. 28:65Le 26:36; Hes 12:19
Deut. 28:65Le 26:16
Deut. 28:66Heb 10:27
Deut. 28:67De 28:34
Deut. 28:68Ex 14:13; Yer 44:12; Ho 9:3
Deut. 28:68Ne 5:8
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase (Akuapem) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
  • 49
  • 50
  • 51
  • 52
  • 53
  • 54
  • 55
  • 56
  • 57
  • 58
  • 59
  • 60
  • 61
  • 62
  • 63
  • 64
  • 65
  • 66
  • 67
  • 68
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Deuteronomium 28:1-68

Deuteronomium

28 “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a,+ Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛma wo so asen asase so aman nyinaa.+ 2 Woyɛ aso ma Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+

3 “Nhyira bɛka wo wɔ kurom+ na nhyira aka wo wɔ afuw mu.+

4 “Nhyira bɛka wo yafunum aba+ ne w’asase so aba ne w’afieboa mma+ ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.+

5 “Nhyira bɛka wo kɛntɛn+ ne wo mmɔre kora.+

6 “Nhyira bɛka wo wo mmae mu na nhyira aka wo wo nkɔree mu.+

7 “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo so no, Yehowa bɛma woadi wɔn so.+ Wɔbɛfa ɔkwan biako so aba wo so na wɔafa akwan ason so aguan afi w’anim.+ 8 Yehowa behyira w’adekoradan+ ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na obehyira wo wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so. 9 Yehowa de wo bɛyɛ ne man kronkron+ sɛnea ɔkaa wo ntam no,+ efisɛ wudi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm so+ nantew n’akwan so. 10 Na asase so aman nyinaa behu sɛ Yehowa din da wo so,+ na wobesuro wo.+

11 “Yehowa behyira wo ama wo yafunum aba+ adɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw na w’afuw mu nnɔbae+ abu so wɔ asase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so.+ 12 Yehowa bebue ɔsoro adekorabea pa ama wo na watɔ osu agu w’asase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Na wubenya pii de afɛm aman bebree, na wo de, worenkɔfɛm hwee.+ 13 Sɛ wudi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, Yehowa de wo bedi kan na ɛnyɛ akyi; wobɛda soro+ daa na woremma fam. 14 Enti mman mfi mmara a mede rema mo nnɛ yi ho nkɔ nifa anaa benkum+ nkodi anyame foforo akyi nkɔsom+ wɔn.

15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+

16 “Nnome bɛka wo wɔ kurom+ na nnome aka wo wɔ afuw mu.+

17 “Nnome bɛka wo kɛntɛn+ ne wo mmɔre kora.+

18 “Nnome bɛka wo yafunum aba+ ne w’asase so nnɔbae+ ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.+

19 “Nnome bɛka wo wo mmae mu na nnome aka wo wo nkɔree mu.+

20 “Esiane sɛ woayɛ Yehowa anim bɔne na woapo me nti,+ ɔde nnome+ ne ahoyeraw+ ne asotwe+ bɛba biribiara a wobɛyɛ biara so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo ama w’ase atɔre prɛko pɛ. 21 Yehowa de ɔyaredɔm bɛfam wo ho akosi sɛ obetwa wo afi asase a worekɔ so no so.+ 22 Yehowa de nsamanwaw,+ atiridiinini, ahonhon, ahohyehye, nkrante+ ne ɔhyew+ bɛba wo so na wama yare asi w’afuw so+ akosi sɛ w’ase bɛhyew. 23 Na wim a ɛhata wo so yi bɛdan kɔbere na asase a ɛwɔ w’ase yi adan dade.+ 24 Yehowa bɛma wo mfutuma ne nsõ sɛ w’asase nsu. Ɛbɛtɔ afi soro agu wo so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase. 25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan biako so akɔ wɔn so na woafa akwan ason so aguan afi wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+ 26 Wo funu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne wuram mmoa nyinaa, na obiara renyi wɔn hu.+

27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo+ na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worentumi nsa. 28 Yehowa de adammɔ+ ne anifurae+ ne ayamhyehye+ bɛto wo so. 29 Na wode wo ti bɛpempem awia ketee te sɛ onifuraefo a ɔde ne ti pempem wɔ sum a ɔwom mu,+ na w’akwan rensi wo yiye. Afoforo besisi wo daa na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a obegye wo.+ 30 Wubesi ɔbea asiwa na ɔbarima foforo ato no mmonnaa.+ Wubesi fie nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobeturo nanso worentew so.+ 31 Wobekum wo nantwi wɔ w’anim nanso ebi renka w’ano. Wode w’ani behu sɛ obi rewia w’afurum, na wo nsa renka bio. Wɔde wo nguan bɛma w’atamfo, na obiara nni hɔ a obegye wo.+ 32 Wode w’ani behu sɛ wɔde wo mmabarima ne wo mmabea ama ɔman foforo,+ na w’ani begyina wɔn, nanso worennya tumi biara wɔ wo nsam.+ 33 Ɔman bi a wunnim wɔn bedi w’afuw mu nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wobesisi wo atan w’ani daa.+ 34 Na nea wode w’ani behu no bɛma woabɔ dam.+

35 “Yehowa bɛma mpɔmpɔ bɔne abobɔ wo nkotodwe ne wo nan abien no ho nyinaa, na obiara rentumi nsa wo yare. Ɛbɛbobɔ wo nan ase akosi wo mpampam.+ 36 Yehowa de wo+ ne ɔhene+ a wode no bedi wo so no bɛkɔ ɔman bi so, baabi a wo ne w’agyanom biara nnim. Na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wɔde dua ne abo ayɛ.+ 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwonwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ aserew adi wo ho fɛw wɔ hɔ nyinaa.

38 “Wode aba pii bɛhyɛ fam, nanso kakraa bi na wubetwa+ efisɛ mmoadabi bɛwe.+ 39 Wobɛyɛ bobeturo adɔw ho, nanso worennya nsã biara nnom na worentwa aba biara+ efisɛ ɔsã bɛwe.+ 40 Wubehu ngodua wɔ w’asase so baabiara, nanso worennya ngo nsra efisɛ aba no bɛporow agu.+ 41 Wobɛwo mmabarima ne mmabea nanso wɔrentena wo nkyɛn nkyɛ, efisɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ nkoa wɔ baabi.+ 42 Mmebɛw bɛfa wo nnua ne w’afuw mu nnɔbae nyinaa. 43 Ɔhɔho a wo ne no te no bɛkɔ soro asen wo, na wo de, daa wubesian aba fam.+ 44 Obenya pii de bi afɛm wo, na wo de, worennya hwee mfa mfɛm no.+ Obedi kan ama woadi akyi.+

45 “Na nnome+ yi nyinaa betiw wo abɛto wo akosi sɛ w’ase bɛhyew,+ efisɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a ɔde ama wo yi so.+ 46 Na eyinom nyinaa bɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ wo ne wo mma so daa,+ 47 efisɛ woamfa ahosɛpɛw ne komam anigye+ ansom Yehowa wo Nyankopɔn sɛ wama wo nneɛma pii ama abu so.+ 48 Na atamfo a Yehowa bɛsoma wɔn aba wo so no, wode ɔkɔm+ ne sukɔm ne adagyaw ne ohia bɛsom wɔn,+ na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.+

49 “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afi asase ano akyirikyiri+ atow ahyɛ wo so sɛ ɔkɔre.+ 50 Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den,+ na wɔrenhwɛ akwakoraa anim na wɔrenhu aberante nso mmɔbɔ.+ 51 Wɔbɛwe w’afieboa mma na wɔadi w’asase so nnɔbae nyinaa akosi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa.+ Na wɔrennyaw wo awi anaa nsã foforo anaa ngo anaa w’anantwi mma anaa wo nguan mma kosi sɛ wɔbɛsɛe wo.+ 52 Na wɔbɛka wo ahyɛ wo nkurow mu akosi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bebubu wɔ asase no nyinaa so. Nokwasɛm ni, wɔbɛka wo ahyɛ wo nkurow mu wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+ 53 Na wo tamfo bɛma wo ho akyere wo denneennen ma worennya wo ho atwaye. Enti wubedi wo yafunum aba, wo mmabarima ne wo mmabea+ a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no nam.

54 “Na onipa a odwo na obu ne ho mpo ani+ bɛbere ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka, 55 na sɛ ɔrewe ne ba nam a, ɔremma wɔn mu biara bi efisɛ onni biribiara wɔ ne ho. Eyi nyinaa bɛkɔ so efisɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo nkurow no mu, na wo ho bɛkyere wo ma worennya wo ho atwaye.+ 56 Na ɔbea a obu ne ho na ne tirim yɛ no dɛ a ahokyerɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam mpo+ ani bɛbere ne kunu a ɔdɔ no ne ne mmabarima ne ne mmabea. 57 Ne kɔn bɛdɔ n’awode a afi ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo,+ na ɔbɛhyɛ kokoam awe efisɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.+

58 “Sɛ woanni mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu nyinaa so+ na woansuro Yehowa+ wo Nyankopɔn a ne din sõ+ na ɛyɛ hu+ no a, 59 Yehowa nso bɛma wo ne wo mma haw ne mo abɛbrɛsɛ mu ayɛ den na atena mo so akyɛ.+ Na ɔde ɔyare bɔne a woko a ɛnkɔ bɛbɔ mo.+ 60 Ɔde Egypt nyarewa a na wusuro no nyinaa bɛbɔ wo, na ɛbɛka wo so.+ 61 Nyarewa ne amanehunu a wɔnkyerɛw wɔ mmara nhoma yi mu nyinaa nso, Yehowa de bɛba wo so akosi sɛ w’ase bɛhyew. 62 Mo a anka modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no,+ afei de, mobɛka kakraa bi,+ efisɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.

63 “Afei sɛnea Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔ no,+ saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase.+ Na obetwa mo afi asase a morekɔ so no so.+

64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, fi asase ano kosi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.+ 65 Wudu aman yi so a, wo ho beguan wo,+ na worennya baabi mfa wo nan nsi nhome, na Yehowa bɛma wo koma atu,+ na w’ani asɛe+ na wo kra abotow. 66 Wɔde wo nkwa begoru atɔprɛ, na anadwo oo, awia oo, ehu bɛka wo, na worenhu sɛ ade bɛkye wo anaa ɛrenkye wo.+ 67 Ade kye anɔpa a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anwummere!’ na edu anwummere nso a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anɔpa!’ efisɛ nea w’ani behu no bɛma woabɔ hu na wo koma atu.+ 68 Na Yehowa de hyɛn bɛfa wo afa ɔkwan a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Worenhu bio’+ no so de wo akɔ Egypt, na mobɛtɔn mo ho ama mo atamfo sɛ nkoa ne mfenaa,+ nanso obiara rentɔ mo.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena