Leviticus 19:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Munnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dade anyame biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Deuteronomium 11:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Monhwɛ yiye na biribiara antwetwe mo koma+ na moankɔsom anyame foforo ankotow wɔn.+ Dwom 96:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+ 1 Korintofo 8:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+
4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+