Exodus 20:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Nyɛ ohoni* biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso biara mfa.+ Leviticus 26:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “‘Monnyɛ anyamehunu,+ ahoni,*+ anaa abosom adum biara. Na mommfa ɔbo nnsen ohoni biara+ nnsi mo asase so nnsom no,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn. Dwom 96:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+ Habakuk 2:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo+ so?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfo de ne ho to nea wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a entumi nkasa?+ 1 Korintofo 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ne saa nti, m’adɔfo, munguan+ abosonsom.+
4 “Nyɛ ohoni* biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso biara mfa.+
26 “‘Monnyɛ anyamehunu,+ ahoni,*+ anaa abosom adum biara. Na mommfa ɔbo nnsen ohoni biara+ nnsi mo asase so nnsom no,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.
18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo+ so?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfo de ne ho to nea wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a entumi nkasa?+