Deuteronomium 7:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Sɛ mutie atemmusɛm yi na mudi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bedi apam+ ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ Deuteronomium 7:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yehowa beyi yare biara afi wo so; na ɔremfa yare bɔne a wuhui wɔ Egypt no mu biara mma wo so,+ na ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan wo nyinaa so. Deuteronomium 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo+ na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worentumi nsa. Amos 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.
12 “Sɛ mutie atemmusɛm yi na mudi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bedi apam+ ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+
15 Yehowa beyi yare biara afi wo so; na ɔremfa yare bɔne a wuhui wɔ Egypt no mu biara mma wo so,+ na ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan wo nyinaa so.
10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.