Deuteronomium 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo+ na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worentumi nsa. Deuteronomium 28:60 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 60 Ɔde Egypt nyarewa a na wusuro no nyinaa bɛbɔ wo, na ɛbɛka wo so.+ Amos 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.
10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.