Exodus 9:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 ɛnde hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa+ a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma ɔyare atew asi w’apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan nyinaa mu ma wɔawuwu.+ Deuteronomium 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo+ na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worentumi nsa. Deuteronomium 28:60 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 60 Ɔde Egypt nyarewa a na wusuro no nyinaa bɛbɔ wo, na ɛbɛka wo so.+ Dwom 78:50 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 50 Ɔbɔɔ kwan maa n’abufuw.+Wamfa owu ankame wɔn kra;Na wɔn nkwa nso, ɔde maa ɔyaredɔm.+
3 ɛnde hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa+ a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma ɔyare atew asi w’apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan nyinaa mu ma wɔawuwu.+