21 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Ɛnde hwɛ nea ebesi bere a mede m’atemmude huhuuhu anan yi+—nkrante ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare+—aba Yerusalem so na matwa onipa ne aboa biara afi so no.+
10 “‘Na memaa owuyare a ɛte sɛ Egypt de no bi baa mo so.+ Mede nkrante kunkum mo mmerante+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛe bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.