Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 5:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+

  • Kwadwom 2:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Nusu ama m’aniwa abrɛ.+ Me nsono mu hyehye me.+

      Me man babea asehwe nti,+ wɔahwie me berɛbo agu fam,+

      Efisɛ mmofra ne nkokoaa atotɔ piti wɔ kurow mmɔnten so.+

  • Kwadwom 2:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Sɔre! Bɔ abubuw anadwo awɛmfo dɔn+ mfiase.

      Hwie wo koma gu+ Yehowa anim+ sɛ nsu.

      Ma wo nsa so kyerɛ ɔsoro,+ wo mma kra nti,

      Wɔn a mmɔnten ntwea so kɔm ama wɔatotɔ piti no nyinaa nti.+

  • Kwadwom 4:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye mpo de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma.+

      Wɔbɛyɛɛ awerɛkyekye aduan, me man babea sɛe bere no.+

  • Hosea 9:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wonyin mpo a, mɛma wɔadi awommawu, na ɔbarima biara renka wɔ hɔ.+ Na sɛ medan me ho fi wɔn ho a, wonnue!+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena