Kwadwom
א [ʼAʹleph]
2 O hwɛ sɛnea Yehowa abufuw akata Sion so sɛ omununkum!+
Watow Israel ahoɔfɛ+ fi ɔsoro ahwe fam.+
Wankae ne nan ntiaso+ n’abufuw da no.
ב [Behth]
ג [Giʹmel]
3 N’abufuw mu na watwitwa Israel mmɛn nyinaa agu.+
Wayi ne nsa nifa ato n’akyi, yɛn atamfo anim;+
Na wadɛw wɔ Yakob so sɛ ogya a ɛrehyew hyia.+
ד [Daʹleth]
4 Wakuntun n’agyan mu sɛ ɔtamfo.+ Wayɛ ne nsa nifa+ krado
ה [Heʼ]
5 Yehowa ayɛ sɛ ɔtamfo.+ Wamene Israel.+
Wamemene n’aban atenten nyinaa;+ wasɛe ne nkurow dennen no.+
Wama awerɛhow ne adwotwa abu so wɔ Yuda babea mu.+
ו [Waw]
6 Wabubu ne sese+ basabasa sɛ mfikyifuw.+ Wasɛe n’afahyɛ.
Yehowa ama wɔn werɛ afi afahyɛ+ ne homeda wɔ Sion,
Na n’abufuw kɛse mu, wammu ɔhene ne ɔsɔfo.+
ז [Zaʹyin]
7 Yehowa atow n’afɔremuka akyene.+ Wahura ne kronkronbea ho.+
Ɔde ne tenabea aban no ahyɛ atamfo nsa.+
Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fie sɛ afahyɛ da.+
ח [Chehth]
8 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babea afasu.+
Watwe susuhama+ mu. Onyii ne nsa mfii ɔsɛe ho.+
Wama mpempe ne ɔfasu redi awerɛhow.+ Ne nyinaa agyigya.
ט [Tehth]
9 N’aponkɛse+ amemem kɔ asase yam. Wasɛe ne mmeamu abubu mu.
Ne hene ne ne mpanyimfo wɔ amanaman no mu.+ Mmara bi nni hɔ.+
N’adiyifo nso nnyaa anisoadehu bi mfii Yehowa hɔ.+
י [Yohdh]
10 Sion babea mpanyimfo tete fam, na wɔayɛ komm wɔ hɔ.+
Wɔde dɔte agu wɔn atifi.+ Wofurafura atweaatam.+
Yerusalem mmaabun ti sisi fam.+
כ [Kaph]
11 Nusu ama m’aniwa abrɛ.+ Me nsono mu hyehye me.+
Me man babea asehwe nti,+ wɔahwie me berɛbo agu fam,+
Efisɛ mmofra ne nkokoaa atotɔ piti wɔ kurow mmɔnten so.+
ל [Laʹmedh]
12 Piti a wɔtotɔ wɔ kurow mmɔnten so sɛ atɔfo
Ne wɔn kra a wɔrehwie gu wɔn maamenom kokom nti,
Wobisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduan ne bobesa wɔ?”+
מ [Mem]
13 O Yerusalem babea, dɛn na memfa nyɛ adanse mma wo? Dɛn ho na memfa wo ntoto?+
O Sion babea, ɔbaabun, dɛn na memma ɛne wo nsɛ na menkyekye wo werɛ?+
נ [Nun]
14 Ahuhude ne nnaadaa anisoade na w’adiyifo hu maa wo,+
Wɔanyi wo mfomso adi ankyerɛ wo, anka woankɔ nkoasom mu.+
Ahuhude ne nnaadaa atemmu na wohu maa wo.+
ס [Saʹmekh]
15 Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.
Wɔabɔ hwirema+ awosow wɔn ti+ agu Yerusalem babea so sɛ:
“Kurow a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no ni?”+
פ [Peʼ]
16 W’atamfo nyinaa abue wɔn anom wɔ wo so.+
ע [ʽAʹyin]
17 Yehowa ayɛ nea osusuwii no.+ Wawie nea ɔkae no,+
Nea ofi tete nna mu hyɛe no.+ Wadwiriw agu, na wanhu mmɔbɔ.+
Wo so na wama ɔtamfo adi ahurusi.+ Wama w’atamfo mmɛn so kɔ soro.+
צ [Tsa·dhehʹ]
18 O Sion babea fasu,+ wɔn koma asu afrɛ Yehowa.+
Ma nusu nsen awia ne anadwo sɛ asubɔnten.+
Ntena hɔ dinn. Mma w’ani kesua nnyɛ komm.
ק [Qohph]
19 Sɔre! Bɔ abubuw anadwo awɛmfo dɔn+ mfiase.
Hwie wo koma gu+ Yehowa anim+ sɛ nsu.
Ma wo nsa so kyerɛ ɔsoro,+ wo mma kra nti,
Wɔn a mmɔnten ntwea so kɔm ama wɔatotɔ piti no nyinaa nti.+
ר [Rehsh]
20 O Yehowa, hwɛ na hu+ nea wo ne no adi no yayaayaw saa no.
So ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafumma, wɔn mma ahoɔdenfo a wɔawo wɔn no?+
Anaa Yehowa kronkronbea hɔ na ɛsɛ sɛ wokum ɔsɔfo ne odiyifo?+
ש [Shin]
ת [Taw]