“Me nuanom ne me man, muntie me. Me de, na ɛda me koma so+ sɛ mesi homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso,+ na misiesiee me ho sɛ mesi.+
13 “Lebanon anuonyam nyinaa bɛba wo so, na ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ nyinaa bɛba prɛko+ ma me kronkronbea ayɛ fɛ;+ na mɛhyɛ me nan sibea anuonyam.+