Ɔsoro-foro Dwom.
132 O Yehowa, kae Dawid+
Animguase nyinaa;+
2 Sɛnea ɔkaa Yehowa ntam;+
Sɛnea ɔkaa Yakob Tumfoɔ+ no ntam sɛ:+
3 “Merenkɔ me fie ntamadan mu.+
Meremforo me mpa nkɔ me nnaso so,+
4 Meremma nna mma m’aniwa so,+
Na anikum remma m’ani so,+
5 Kosi sɛ menya baabi ama Yehowa,+
Na manya ntamadan kɛse ama Yakob Tumfoɔ no.”+
6 Hwɛ! Yɛate ho asɛm wɔ Efrata,+
Yɛahu wɔ kwae asase so.+
7 Momma yɛnkɔ ne ntamadan kɛse no mu;+
Momma yɛnkotow ne nan ntiaso anim.+
8 O Yehowa, sɔre kɔ wo homebea ɛ,+
Wo ne w’ahoɔden Adaka no.+
9 Ma w’asɔfo nhyɛ trenee,+
Na ma w’anokwafo nto ahurusi dwom.+
10 W’akoa Dawid nti,+
Nnan nea woasra no no ani.+
11 Yehowa aka Dawid ntam,+
Nokwarem no ɔrentwe nsan:+
“Wo yafunu mu aba+
Na mede no besi w’ahengua so.+
12 Sɛ wo mma di m’apam so+
Na wodi me nkaesɛm a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,+
Wɔn mma nso bɛtena
W’ahengua so daa daa.”+
13 Sion na Yehowa apaw;+
Ɔpɛ sɛ ɔde yɛ ne tenabea:+
14 “Eyi ne me homebea kosi daa;+
Ɛha na mɛtena efisɛ ɛha na mepɛ.+
15 Hyira na mehyira ne nnɔbae so.+
Mɛma n’ahiafo anya aduan adi amee.+
16 Nkwagye na mede befura n’asɔfo;+
N’anokwafo bɛto ahurusi dwom.
17 Ɛhɔ na mɛma Dawid abɛn afifi.+
Masiesie kanea ama nea masra no no.+
18 Aniwu na mede befura n’atamfo;+
Na ɔno de, n’ahemmotiri+ benya nkɔso.”+