Hiob 29:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mifuraa trenee, na ɛkataa me ho.+Ná m’atemmu te sɛ atade nguguso ne abotiri. Yesaia 61:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa mu na medi ahurusi,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani begye,+ efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,+ na ɔde trenee batakari awura me+ te sɛ ayeforokunu a wabɔ n’abotiri sɛ ɔsɔfo,+ te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.+ Sakaria 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛnna mekae sɛ: “Wɔmfa abotiten a ɛho tew nhyɛ no.”+ Na wɔde abotiten a ɛho tew hyɛɛ no, na wɔhyɛɛ no atade; saa bere no na Yehowa bɔfo no gyina hɔ.
10 Yehowa mu na medi ahurusi,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani begye,+ efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,+ na ɔde trenee batakari awura me+ te sɛ ayeforokunu a wabɔ n’abotiri sɛ ɔsɔfo,+ te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.+
5 Ɛnna mekae sɛ: “Wɔmfa abotiten a ɛho tew nhyɛ no.”+ Na wɔde abotiten a ɛho tew hyɛɛ no, na wɔhyɛɛ no atade; saa bere no na Yehowa bɔfo no gyina hɔ.