41 O Yehowa Nyankopɔn, ma wo mu so+ kɔ wo homebea,+ wo ne w’ahoɔden Adaka+ no. Yehowa Nyankopɔn, fa nkwagye fura w’asɔfo, na ma w’anokwafo nni ahurusi adepa mu.+
10 Yehowa mu na medi ahurusi,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani begye,+ efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,+ na ɔde trenee batakari awura me+ te sɛ ayeforokunu a wabɔ n’abotiri sɛ ɔsɔfo,+ te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.+