2 Samuel 7:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Nea ɛda wo koma so biara, kɔ na kɔyɛ,+ na Yehowa di w’akyi.” Dwom 22:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Nea woayɛ nti na meyi wo ayɛ asafo kɛse mu;+Metua me bɔhyɛ ade wɔ wɔn a wosuro wo no anim.+ Dwom 46:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela. Dwom 61:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛno na mɛto dwom ama wo din daa,+Na matua me bɔhyɛ ade da biara.+ Dwom 146:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Anigye ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafo;+Nea n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn so;+