12 Na ɔbarima biara a ɔwɔ wo fie a wadi nnawɔtwe ne awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa ntwa twetia,+ obiara a wɔwoo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no afi ɔhɔho hɔ a ɔnyɛ w’aseni.
11 Na onyaa sɛnkyerɛnne+ a ɛne twetiatwa sɛ nsɔano maa ne trenee a egyina gyidi a onyae wɔ ne momonoto mu no so, na wayɛ momonotofo a wɔwɔ gyidi+ nyinaa agya+ na wɔabu wɔn treneefo;