28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba nna a edi akyiri no mu.+ Wo dae ne anisoadehu a wunyae wɔ wo mpa so no ni:
45 sɛnea wuhui sɛ ɔbo a nsa biara nkura mu+ tew fii bepɔw ho, na ebebubuu dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sika no,+ saa ara na ɛbɛyɛ. Onyankopɔn Kɛse+ no na wakyerɛ ɔhene nea ɛbɛba daakye.+ Ɔdae no wom, na ne nkyerɛase nso yɛ nokware.”+