Numeri 32:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nanso sɛ moanyɛ saa a, ɛnde na moayɛ bɔne atia Yehowa.+ Na munhu sɛ mo bɔne bɛbɔ mo ti so.+ Mmebusɛm 21:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+ Mateo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo;+ susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.+ 1 Timoteo 5:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nnipa binom bɔne da adi ma obiara hu,+ na ekowie atemmu mu, nanso afoforo bɔne da adi akyiri yi.+