Deuteronomium 15:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hwɛ yiye na nsusuwii bɔne biara amma wo komam+ sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛto so ason a wɔde ka kyɛ no adu.’+ Sɛ wudwen saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimɔden.+ Ɛba saa a, wo nti obesu afrɛ Yehowa+ na ɛbɛdan bɔne ama wo.+ Mmebusɛm 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ Mmebusɛm 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nea ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na nea oyi n’ani de, obenya nnome pii.+ Yakobo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+
9 Hwɛ yiye na nsusuwii bɔne biara amma wo komam+ sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛto so ason a wɔde ka kyɛ no adu.’+ Sɛ wudwen saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimɔden.+ Ɛba saa a, wo nti obesu afrɛ Yehowa+ na ɛbɛdan bɔne ama wo.+
4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+