Exodus 22:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Sɛ moteetee wɔn na wosu frɛ me a, metie wɔn sufrɛ;+ Deuteronomium 24:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Tua no ka da no ara,+ na mma owia nnkɔtɔ so efisɛ ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne ne kra anidaso. Woanyɛ saa na osu frɛ Yehowa+ a, ɛbɛdan bɔne ama wo.+ Hiob 34:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na ɛma ɔbrɛfo sufrɛ du n’aso mu;Na otie mmɔborɔni sufrɛ.+ Mmebusɛm 21:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+ Yakobo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+
15 Tua no ka da no ara,+ na mma owia nnkɔtɔ so efisɛ ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne ne kra anidaso. Woanyɛ saa na osu frɛ Yehowa+ a, ɛbɛdan bɔne ama wo.+
4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+