Deuteronomium 15:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma wo koma anaa wo nsam nnyɛ den wɔ wo nua hiani no so.+ Dwom 41:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ;+Yehowa begye no ahohia da mu.+ Mmebusɛm 14:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nea obu ne yɔnko animtiaa no yɛ bɔne,+ na anigye ne nea ɔdom mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ Mmebusɛm 22:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nea ohu mmɔbɔ no benya nhyira, efisɛ ɔde aduan ma ohiani.+ Yesaia 58:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+ 2 Korintofo 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na eyi mu no, nea ogu no pɛpɛe+ so no betwa pɛpɛe so, na nea ogu pii+ no betwa pii. Hebrifo 13:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
7 “Sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma wo koma anaa wo nsam nnyɛ den wɔ wo nua hiani no so.+
7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+