Mmebusɛm 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ Mmebusɛm 22:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nea ohu mmɔbɔ no benya nhyira, efisɛ ɔde aduan ma ohiani.+ Ɔsɛnkafo 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Tow wo paanoo pete+ nsu ani,+ na nna pii akyi no, wo nsa bɛka bio.+ Luka 6:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.+ Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”+
38 Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.+ Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”+