Ɔsɛnkafo 7:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Hwɛ! Nea mahu ara ne sɛ, nokware Nyankopɔn bɔɔ adesamma yiye,+ nanso wɔn ankasa na wɔakodi wɔn tirim adwene pii akyi.”+ Yeremia 17:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew.+ Hena na obetumi ahu mu? Mateo 15:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne,+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.+
29 Hwɛ! Nea mahu ara ne sɛ, nokware Nyankopɔn bɔɔ adesamma yiye,+ nanso wɔn ankasa na wɔakodi wɔn tirim adwene pii akyi.”+
19 Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne,+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.+