Genesis 6:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na ne komam nsusuwii+ nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.+ Genesis 8:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Yehowa tee afɔre no hua,+ enti Yehowa kae ne komam sɛ:+ “Merenni onipa akyi nnome asase bio,+ efisɛ onipa komam nsusuwii+ yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+ Mmebusɛm 28:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Nea ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea,+ na nea ɔnantew nyansa mu na obenya ne ti adidi mu.+ Yesaia 44:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Odi nsõ.+ Wɔadaadaa ne koma ma wayera.+ Ontumi nnye ne kra, na ontumi mmisa sɛ: “Enti ɛnyɛ atosɛm na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”+ Yesaia 59:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yɛato Yehowa mmara na yɛapo no;+ yɛasan afi yɛn Nyankopɔn akyi. Nhyɛso ne atuatew na yɛka,+ na yesusuw atosɛm wɔ yɛn komam ma epue fi yɛn anom.+ Yakobo 1:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mmom nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.+ Yakobo 1:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo+ nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.+
5 Enti Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na ne komam nsusuwii+ nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.+
21 Na Yehowa tee afɔre no hua,+ enti Yehowa kae ne komam sɛ:+ “Merenni onipa akyi nnome asase bio,+ efisɛ onipa komam nsusuwii+ yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+
26 Nea ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea,+ na nea ɔnantew nyansa mu na obenya ne ti adidi mu.+
20 Odi nsõ.+ Wɔadaadaa ne koma ma wayera.+ Ontumi nnye ne kra, na ontumi mmisa sɛ: “Enti ɛnyɛ atosɛm na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”+
13 Yɛato Yehowa mmara na yɛapo no;+ yɛasan afi yɛn Nyankopɔn akyi. Nhyɛso ne atuatew na yɛka,+ na yesusuw atosɛm wɔ yɛn komam ma epue fi yɛn anom.+
26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo+ nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.+