Yosua 10:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Bere a wɔde ahene yi brɛɛ Yosua no, ɔfrɛɛ Israel mmarima nyinaa na ɔka kyerɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔne no kɔe no sɛ: “Mommra. Momfa mo nan nsisi ahene yi kɔn akyi.”+ Na wɔbae de wɔn nan besisii wɔn kɔn akyi.+ Atemmufo 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Yuda na ɔbɛkɔ.+ Hwɛ, ɔkwan biara so, mede asase no bɛhyɛ ne nsa.” 2 Samuel 22:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Wode m’atamfo kɔn akyi bɛma me,+Na wɔn a wokyi me no, mɛsɛe wɔn.+
24 Bere a wɔde ahene yi brɛɛ Yosua no, ɔfrɛɛ Israel mmarima nyinaa na ɔka kyerɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔne no kɔe no sɛ: “Mommra. Momfa mo nan nsisi ahene yi kɔn akyi.”+ Na wɔbae de wɔn nan besisii wɔn kɔn akyi.+