Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 12:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase+ yi bɛma w’asefo.”+ Ɛno akyi no osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.

  • Genesis 15:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Afei ogyee Yehowa dii,+ na obuu no adetrenee maa no.+

  • Genesis 17:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Wɔremfrɛ wo Abram bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham efisɛ mɛma woayɛ aman pii agya.

  • Genesis 18:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Me ne no abɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefo a wɔbɛba akyiri yi anantew Yehowa akwan so ayɛ nea ɛteɛ na wabu atɛntrenee,+ na ama Yehowa ayɛ nea waka afa Abraham ho nyinaa ama no.”+

  • Yohane 8:39
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 39 Wobua see no sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.”+ Yesu see wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma+ a, monyɛ Abraham nnwuma.

  • Romafo 4:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Na onyaa sɛnkyerɛnne+ a ɛne twetiatwa sɛ nsɔano maa ne trenee a egyina gyidi a onyae wɔ ne momonoto mu no so, na wayɛ momonotofo a wɔwɔ gyidi+ nyinaa agya+ na wɔabu wɔn treneefo;

  • Galatifo 3:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Abraham+ ne n’aseni+ na wɔhyɛɛ wɔn bɔ. Ɛnka sɛ: “Na asefo,” te sɛ nea ɛfa nnipa bebree ho, na mmom ɛka obiako+ ho asɛm sɛ: “Na w’aseni,”+ a ɔne Kristo.+

  • Hebrifo 11:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Gyidi nti bere a wɔsɔɔ Abraham hwɛe+ no, ɔde Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa, na ɔbarima a na ɔde anigye agye bɔhyɛ ahorow no yɛe sɛ ɔde ne ba koro no rebɔ afɔre,+

  • Yakobo 2:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 na kyerɛwsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no trenee maa no,”+ na wɔbɛfrɛɛ no “Yehowa adamfo.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena