Genesis 28:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Enti Isak frɛɛ Yakob na ohyiraa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nware Kanaanfo mmea no mu biara.+ Deuteronomium 7:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wo ne wɔn mu biara nnni ayeware. Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea mma wo babarima.+ 1 Korintofo 7:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Bere a ɔbea kunu te ase no, wɔakyekyere no.+ Nanso sɛ ne kunu da na wansɔre a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, nanso Awurade mu nkutoo na ɔnyɛ saa.+ 2 Korintofo 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.+ Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+
39 Bere a ɔbea kunu te ase no, wɔakyekyere no.+ Nanso sɛ ne kunu da na wansɔre a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, nanso Awurade mu nkutoo na ɔnyɛ saa.+
14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.+ Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+