Exodus 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifo Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn+ sɛ: “Ma me nkurɔfo no nkɔsom me wɔ sare so,”+ nanso wuntiei de besi nnɛ. Exodus 8:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Enti yebetu kwan nnansa akɔ sare so akɔbɔ afɔre ama Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛnea waka akyerɛ yɛn no.”+ Exodus 10:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Yɛn mmoa nso bɛka yɛn ho akɔ.+ Aboa nan mpo renka ha, efisɛ wɔn mu bi na yebeyi de abɔ afɔre ama yɛn Nyankopɔn Yehowa,+ nanso yennim nea yɛde bɛsom Yehowa gye sɛ yedu hɔ ansa.”+
16 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifo Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn+ sɛ: “Ma me nkurɔfo no nkɔsom me wɔ sare so,”+ nanso wuntiei de besi nnɛ.
27 Enti yebetu kwan nnansa akɔ sare so akɔbɔ afɔre ama Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛnea waka akyerɛ yɛn no.”+
26 Yɛn mmoa nso bɛka yɛn ho akɔ.+ Aboa nan mpo renka ha, efisɛ wɔn mu bi na yebeyi de abɔ afɔre ama yɛn Nyankopɔn Yehowa,+ nanso yennim nea yɛde bɛsom Yehowa gye sɛ yedu hɔ ansa.”+