20 Ɛnna Noa sii afɔremuka+ maa Yehowa, na oyii wuram mmoa a wɔn ho tew+ ne ntuboa a wɔn ho tew nyinaa+ mu bi de wɔn bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.+
12 Ɛnna ɔkae sɛ: “Medi w’akyi,+ na nea ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo ni:+ Sɛ wunya de ɔman no fi Egypt ba a, mobɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ bepɔw yi so.”+
18 “Wobetie wo.+ Afei wo ne Israel mpanyimfo no nkɔ Egypt hene hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifo+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa,+ enti yɛsrɛ wo ma yentwa nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+
3 Nanso wɔtoaa so kae sɛ: “Hebrifo Nyankopɔn no ne yɛn akasa.+ Enti yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yetu kwan nnansa kɔ sare so kɔbɔ afɔre ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde owuyare anaa nkrante bɛba yɛn so.”+