2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ ɔba kronkronbea+ hɔ wɔ ntwamutam+ no akyi wɔ Adaka no mmuaso no anim na wanwu,+ efisɛ meyi me ho adi wɔ omununkum+ mu wɔ mmuaso+ no so.
24 Na ɛnyɛ kronkronbea a wɔde nsa yɛe,+ a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne+ no mu na Kristo hyɛnee, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa+ sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.+