Exodus 24:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so bɛtena hɔ, na mɛkyerɛw mmara ne ahyɛde wɔ abopon so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfo+ no.” Exodus 32:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɛno akyi no, Mose sian fii bepɔw no+ so. Ɔreba no na Adanse apon abien+ a wɔakyerɛw n’afanu nyinaa, ɛha ne ha, kura no. Deuteronomium 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɔde n’apam+ a ɛne Nsɛm Du+ no too mo anim, na ɔkae sɛ munni so. Afei ɔkyerɛw guu abopon abien so.+ Deuteronomium 9:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “Enti medan me ho si fii bepɔw no so, bere a na ogya redɛw wɔ bepɔw no so.+ Ná abopon abien a apam no ho mmara wɔ so no wɔ me nsa abien mu.+
12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so bɛtena hɔ, na mɛkyerɛw mmara ne ahyɛde wɔ abopon so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfo+ no.”
15 Ɛno akyi no, Mose sian fii bepɔw no+ so. Ɔreba no na Adanse apon abien+ a wɔakyerɛw n’afanu nyinaa, ɛha ne ha, kura no.
13 Na ɔde n’apam+ a ɛne Nsɛm Du+ no too mo anim, na ɔkae sɛ munni so. Afei ɔkyerɛw guu abopon abien so.+
15 “Enti medan me ho si fii bepɔw no so, bere a na ogya redɛw wɔ bepɔw no so.+ Ná abopon abien a apam no ho mmara wɔ so no wɔ me nsa abien mu.+