Exodus 12:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na anadwo dasum no, Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara,+ efi Farao a ɔte n’agua so no abakan so kosi dommum a ɔda afiase abakan so. Okum aboa biara abakan nso.+ Dwom 105:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,+Wɔn ahoɔden mfiase no.+ Dwom 135:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔno na okunkum Egypt mmakan,+Nnipa ne mmoa nyinaa.+
29 Na anadwo dasum no, Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara,+ efi Farao a ɔte n’agua so no abakan so kosi dommum a ɔda afiase abakan so. Okum aboa biara abakan nso.+