Exodus 30:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Fa kɔbere yɛ ɛsɛn na fa bi yɛ ne nnyinaso+ si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu+ na wɔde ahohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. Exodus 31:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 ne afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so ne ɛso nneɛma nyinaa,+ ne ɛsɛn no ne ne nnyinaso+ no, Exodus 40:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Fa ɛsɛn no si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu.+ Leviticus 8:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn ason, na ɔsraa afɔremuka+ no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛsɛn no ne ne nnyinaso de tew ho. 1 Ahene 7:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔyɛɛ ɛpo a wɔagu*+ no nso; efi ano kosi ano yɛ basafa du. Ano yɛ kurukuruwa hyia, na ne tenten yɛ basafa anum. Basafa aduasa hama na etwa ho hyia.+
18 “Fa kɔbere yɛ ɛsɛn na fa bi yɛ ne nnyinaso+ si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu+ na wɔde ahohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.
11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn ason, na ɔsraa afɔremuka+ no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛsɛn no ne ne nnyinaso de tew ho.
23 Ɔyɛɛ ɛpo a wɔagu*+ no nso; efi ano kosi ano yɛ basafa du. Ano yɛ kurukuruwa hyia, na ne tenten yɛ basafa anum. Basafa aduasa hama na etwa ho hyia.+